Psalms 70

Dawid adesrɛ dwom.


1 Ao, Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa;
Awurade bra ntɛm bɛboa me.

2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no
anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;
ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaa
mfa animguase nsan wɔn akyi.

3 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no
nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.

4 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa
nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;
ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,
“Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!”


5 Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo;
Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm.
Wo ne me boafo ne me gyefo;
Awurade, ntwentwɛn wʼanan ase.
Copyright information for TwiAKNA